2 Timothy 3

Amanehunu wɔ hɔ

1Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no mu mmere no mu bɛyɛ den. 2Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛmkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso; 3wɔbɛyɛ atirimmɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwpɛfo, wɔbɛtan wɔn afɛfo a wɔyɛ nnipa pa no, 4wɔbɛyɛ afatwafo, aniɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikade sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. 5Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.

6Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so; 7saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua biribi nanso wonhu nokware no akyi kwan. 8Sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnka hwee wɔ gyidi mu.

9Wonnya nkɔso biara efisɛ, obiara behu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.

10Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ, 11taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu. 12Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne Kristo Yesu bom wɔ wɔn abrabɔ mu no, wɔbɛtaa wɔn; 13nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho.

14Nanso, wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a na wʼakyerɛkyerɛfo no yɛ, 15na wokae nso sɛ, efi wo mmofraase, woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wo nyansa a, ɛnam gyidi a wowɔ wɔ Kristo Yesu mu no, kyerɛ wo nkwagye kwan no. 16Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn adwenemhyɛ so na eye ma nokwarekyerɛ, bɔne ho animka, mfomso soteɛ, na ɛkyerɛ asetena pa ho akwan 17sɛnea ɛbɛyɛ a, obi a ɔsom Onyankopɔn bɛyɛ pɛ na watumi adi dwuma pa.

Copyright information for TwiNAK